Dwom 76:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wo de, wo ho yɛ hu,+Na w’abufuw ano den nti, hena na obetumi agyina w’anim?+ Yesaia 2:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yehowa ho hu ne ne kɛseyɛ a enni ano nti,+ kɔhyɛ ɔbotan mu na fa wo ho sie anhwea mu. Luka 23:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Ɛnna wobefi ase aka akyerɛ mmepɔw sɛ, ‘Mummegu yɛn so!’ ne nkoko sɛ, ‘monkata yɛn so!’+ 2 Tesalonikafo 1:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Wɔde daa ɔsɛe+ bɛyɛ asotwe+ ama wɔn a wɔte saa no ma wɔafi Awurade anim ne n’ahoɔden anuonyam no ho,+ Adiyisɛm 6:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na asase so ahene ne atitiriw ne asahene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa de wɔn ho siee abodan ne mmepɔw mu abotan mu.+
9 Wɔde daa ɔsɛe+ bɛyɛ asotwe+ ama wɔn a wɔte saa no ma wɔafi Awurade anim ne n’ahoɔden anuonyam no ho,+
15 Na asase so ahene ne atitiriw ne asahene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa de wɔn ho siee abodan ne mmepɔw mu abotan mu.+