11Afei ɔman no fii ase nwiinwii tiaa Yehowa+ te sɛ nnipa a asɛm bi ato wɔn. Bere a Yehowa tee no ne bo fuw yiye, na Yehowa gya pae guu wɔn so bɛhyew nnipa bi a na wɔwɔ nsraban no ahye so.+
2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som,+ na ɔyɛ ɔweredifo; Yehowa tua bɔne so ka+ na abufuw ahyɛ no mã.+ Yehowa tua wɔn a wɔne no di asi ka na n’ani sã n’atamfo.+