Genesis 49:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ahempoma remfi Yuda nsa,+ na tumi poma remfi n’anan ntam, kosi sɛ Silo bɛba;+ na ɔno na aman betie no.+ Dwom 2:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɔbɛka sɛ: “Me na masi me hene+Wɔ Sion,+ me bepɔw kronkron no so.”+ Dwom 45:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Onyankopɔn ne w’ahengua daa daa,+Na w’ahempoma yɛ teeyɛ poma.+ Luka 1:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Ɔbɛyɛ kɛse+ na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba;+ na Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid+ ahengua+ bɛma no, Yohane 1:49 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 49 Natanael buaa no sɛ: “Rabi, wone Onyankopɔn Ba no,+ wone Israel Hene.”+
10 Ahempoma remfi Yuda nsa,+ na tumi poma remfi n’anan ntam, kosi sɛ Silo bɛba;+ na ɔno na aman betie no.+
32 Ɔbɛyɛ kɛse+ na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba;+ na Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid+ ahengua+ bɛma no,