7 N’ahenni+ mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei+ bɛba Dawid ahengua+ so ne n’ahenni so, na ɔde atɛntrenee+ ne trenee+ bɛwowaw+ n’ahenni ma atim fi sesɛɛ akosi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ eyi.+
8 Nea Yehowa aka ni: “Anisɔ bere mu na mibuaa wo,+ nkwagye da na meboaa wo,+ na mekɔɔ so bɔɔ wo ho ban sɛ mede wo bɛyɛ apam ama nnipa,+ na woasiesie asase no+ ma wɔasan adi agyapade a ayɛ amamfõ no so bio.+