10 Yehowa anom asɛm ni:+ “Mone m’adansefo, m’akoa a mapaw no,+ na ama moahu+ agye me adi,+ na moahu sɛ me ara mene no.+ Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim,+ na m’akyi nso, obi nni hɔ.+
24 Nea Yehowa, wo Gyefo+ ne nea ɔnwenee wo fii yafunu mu no, se ni: “Me Yehowa, me na meyɛ ade nyinaa, metwe ɔsoro mu,+ na meto asase fapem.+ Hena na na ɔka me ho?