46 ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma nsɛm a mede rebɔ mo kɔkɔ nnɛ yi nyinaa nna mo koma so,+ na moaka akyerɛ mo mma na wɔadi mmara yi mu nsɛm nyinaa so.+
4 Na ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba,+ fa w’ani hwɛ na fa w’aso tie, na fa wo koma si nea mɛkyerɛ wo nyinaa so, efisɛ wɔde wo aba ha sɛ menkyerɛ wo. Na ka nea wubehu biara kyerɛ Israel fie.”+