Yeremia 50:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 “Monka wɔ amanaman no mu, mommɔ no dawuru.+ Momma ahyɛnsode+ so, mommɔ no dawuru. Mommfa hwee nnsie. Monka sɛ, ‘Wɔadi Babilon so nkonim.+ Wɔagu Bel anim ase.+ Ehu aka Merodak. Wɔagu n’ahoni anim ase.+ Ehu aka n’abosom fĩ no.’ Yeremia 51:44 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 Metu m’ani asi Bel+ so wɔ Babilon na mama wafe nea wamene nyinaa aba.+ Na amanaman rensen nkɔ ne nkyɛn bio.+ Na Babilon fasu nso bedwiriw agu.+
2 “Monka wɔ amanaman no mu, mommɔ no dawuru.+ Momma ahyɛnsode+ so, mommɔ no dawuru. Mommfa hwee nnsie. Monka sɛ, ‘Wɔadi Babilon so nkonim.+ Wɔagu Bel anim ase.+ Ehu aka Merodak. Wɔagu n’ahoni anim ase.+ Ehu aka n’abosom fĩ no.’
44 Metu m’ani asi Bel+ so wɔ Babilon na mama wafe nea wamene nyinaa aba.+ Na amanaman rensen nkɔ ne nkyɛn bio.+ Na Babilon fasu nso bedwiriw agu.+