9 Ná Yehowa diyifo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Oded. Ofii adi kohyiaa asraafo a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Mo agyanom Nyankopɔn bo fuw+ Yuda nti na ɔde wɔn hyɛɛ mo nsa ma mode abufuw+ a edu ɔsoro+ kunkum wɔn no.
16 Nanso wɔkɔɔ so goruu+ nokware Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtiaa,+ na wodii n’adiyifo no ho fɛw+ kosii sɛ Yehowa abufuw+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+