Dwom 98:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Yehowa ama wɔahu ne nkwagye;+Wayi ne trenee adi amanaman no ani so.+ Yesaia 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Na nna a edi akyiri+ no mu no, Yehowa fie bepɔw+ betim hɔ wɔ mmepɔw atifi,+ na wɔbɛma so asen nkoko nyinaa,+ na aman nyinaa bɛsen yuu akɔ hɔ.+ Yesaia 11:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Saa da no,+ Yese ntini+ begyina sɛ ahyɛnsode ama aman nyinaa.+ Na amanaman bɛhwehwɛ n’akyi kwan,+ na n’asoɛe bɛyɛ anuonyambea.+ Yesaia 52:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yehowa ayi ne basa kronkron no ho ama aman nyinaa de wɔn ani ahu;+ na asase no afanan nyinaa behu yɛn Nyankopɔn nkwagye.+
2 Na nna a edi akyiri+ no mu no, Yehowa fie bepɔw+ betim hɔ wɔ mmepɔw atifi,+ na wɔbɛma so asen nkoko nyinaa,+ na aman nyinaa bɛsen yuu akɔ hɔ.+
10 Saa da no,+ Yese ntini+ begyina sɛ ahyɛnsode ama aman nyinaa.+ Na amanaman bɛhwehwɛ n’akyi kwan,+ na n’asoɛe bɛyɛ anuonyambea.+
10 Yehowa ayi ne basa kronkron no ho ama aman nyinaa de wɔn ani ahu;+ na asase no afanan nyinaa behu yɛn Nyankopɔn nkwagye.+