13 Wote Eden, Onyankopɔn turom.+ Na aboɔden abo nyinaa yɛ wo nkataho, abo kɔkɔɔ, akraatebo, ahwehwɛbo, sikaberebo, sohambo,+ yasepe, hoabo, nsrammabo,+ ne ahabammonobo, na sika na wɔde hyehyɛɛ ne nyinaa. Da a wɔbɔɔ wo no na wɔde maa wo.
3 Ogya hyew+ di wɔn anim, na wɔn akyi nso, ogyaframa sɛe ade.+ Asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo,+ na wɔn akyi de, ɛyɛ sare pradada, na biribiara mfi mu nka.