21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ po no so+ na Yehowa maa apuei mframa dennen bɔe anadwo no nyinaa, na epiaa nsu no kɔɔ akyi maa po no ase dan asase kesee.+ Na nsu no mu paee abien.+
11 Wopaee ɛpo+ no mu wɔ wɔn anim ma wɔfaa asase kesee+ so wɔ ɛpo no mfinimfini twae; na wɔn ataafo no, wotow wɔn guu abun+ no mu te sɛ ɔbo+ wɔ nsu a ano yɛ den no mu.+