Genesis 49:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ahempoma remfi Yuda nsa,+ na tumi poma remfi n’anan ntam, kosi sɛ Silo bɛba;+ na ɔno na aman betie no.+ Dwom 110:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 W’ahoɔden poma no,+ Yehowa bɛsoma afi Sion,+ na waka sɛ:“Kɔ w’atamfo mfinimfini kodi wɔn so.”+ Daniel 12:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Saa bere no, Mikael,+ ɔsafohene+ kɛse a ogyina hɔ+ ma wo man+ mma no bɛsɔre agyina. Na ahohia a efi bere a ɔman bae ebi mmae da bɛba.+ Saa bere no, wo manfo benya wɔn ti adidi mu,+ obiara a wɔakyerɛw ne din wɔ nhoma no mu no.+ Mateo 28:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na Yesu twiw bɛn wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde tumi nyinaa+ ama me wɔ ɔsoro ne asase so.
10 Ahempoma remfi Yuda nsa,+ na tumi poma remfi n’anan ntam, kosi sɛ Silo bɛba;+ na ɔno na aman betie no.+
12 “Saa bere no, Mikael,+ ɔsafohene+ kɛse a ogyina hɔ+ ma wo man+ mma no bɛsɔre agyina. Na ahohia a efi bere a ɔman bae ebi mmae da bɛba.+ Saa bere no, wo manfo benya wɔn ti adidi mu,+ obiara a wɔakyerɛw ne din wɔ nhoma no mu no.+