Yeremia 6:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “Henanom na menkasa nkyerɛ wɔn na memmɔ wɔn kɔkɔ mma wontie? Hwɛ! wontwaa wɔn aso twetia enti wontumi ntie.+ Hwɛ! Yehowa asɛm adan ahohorade wɔn ani so,+ enti wonni ho anigye bi.+ Sakaria 7:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Nanso wɔantie,+ na wosen wɔn kɔn*+ buu nnua guu wɔn asom.+ Yohane 3:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na obiara a ɔyɛ akyide+ no tan hann, na ɔmma hann ho na wɔanyi ne nnwuma ho ntɛn.+ Asomafo Nnwuma 28:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔde wɔn aso tie kwa, na wɔakata wɔn ani; na wɔamfa wɔn aniwa anhu amfa wɔn aso antie na wɔamfa wɔn koma ante ase na wɔansakra amma mansa wɔn yare.”’+
10 “Henanom na menkasa nkyerɛ wɔn na memmɔ wɔn kɔkɔ mma wontie? Hwɛ! wontwaa wɔn aso twetia enti wontumi ntie.+ Hwɛ! Yehowa asɛm adan ahohorade wɔn ani so,+ enti wonni ho anigye bi.+
27 Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔde wɔn aso tie kwa, na wɔakata wɔn ani; na wɔamfa wɔn aniwa anhu amfa wɔn aso antie na wɔamfa wɔn koma ante ase na wɔansakra amma mansa wɔn yare.”’+