7 Asafo Yehowa bobeturo+ ne Israel fie, na n’afuw a n’ani kũ ho+ ne Yuda mmarima. Ɔhwɛɛ atemmu kwan,+ nanso mmarato na ohui; ɔhwehwɛɛ adetrenee, nanso osu ne nteɛteɛm na ɔtee.”+
5Munkyin Yerusalem mmorɔn so, na monhwɛ ɛ, na munhu, na monhwehwɛ ne mmɔnten so nhwɛ, sɛ mubehu onipa+ bi anaa; obi a odi asɛntrenee+ na ɔhwehwɛ nokware.+ Anka mede befiri kurow no.