16 Nanso wɔkɔɔ so goruu+ nokware Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtiaa,+ na wodii n’adiyifo no ho fɛw+ kosii sɛ Yehowa abufuw+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+
17 “Mode mo nsɛm ahyɛ Yehowa brɛ,+ na mubisa sɛ, ‘Dɛn na yɛde ahyɛ no brɛ?’ Ɛne sɛ moka sɛ: ‘Obiara a ɔyɛ bɔne no teɛ wɔ Yehowa ani so, na n’ani gye wɔn a wɔte saa ho,’+ anaasɛ, ‘Atɛntrenee Nyankopɔn no wɔ he?’”+