10 Na sɛnea osu ne sukyerɛmma fi soro tɔ gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ma nneɛma fifi na ɛsow,+ na ogufo nya aba na odifo nya aduan no,+
11 Ɛbɛma Yehowa adi w’anim+ daa,+ na ɔbɛma wo kra amee wɔ asase kesee so+ na wama wo nnompe mu ayɛ den;+ wobɛyɛ sɛ turo a nsu sen wom,+ te sɛ asuti a emu nsu nni huammɔ.