23 Na ɔman biako bɛn na ɛwɔ asase so a ɛte sɛ wo man Israel+ a Onyankopɔn gyee wɔn fae sɛ ɔman?+ Ɔman bɛn na wonam wɔn so ayɛ anwonwadwuma+ akɛse de anya din?+ Ɛnyɛ wo man a wugyee+ wɔn fii Egypt, a wɔn nti wopam amanaman no ne wɔn anyame no?
10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tiaa Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asase so nyinaa,+ efisɛ na wunim sɛ wɔadi wɔn so ahantansɛm;+ na wode nyaa din+ de abesi nnɛ.