Genesis 35:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na asase+ a mede maa Abraham ne Isak no, mede bɛma wo ne w’asefo+ a wobedi w’akyi aba no.” Yesaia 60:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Wo man de, wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo,+ na wɔbɛfa asase no adi so daa.+ Nea madua yi bɛfefɛw,+ na me nsa ano adwuma+ bɛma m’anim aba nyam.+ Hesekiel 36:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Mo Israel mmepɔw de, mubeyiyi mmãã na moasow aba ama me man Israel+ efisɛ wɔn ba abɛn.+ Obadia 17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “Na Bepɔw Sion so na wɔn a wɔreguan no bɛkɔ,+ na ɛbɛyɛ ade kronkron,+ na Yakob fie bɛfa nea ɛyɛ wɔn dea.+
21 Wo man de, wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo,+ na wɔbɛfa asase no adi so daa.+ Nea madua yi bɛfefɛw,+ na me nsa ano adwuma+ bɛma m’anim aba nyam.+
17 “Na Bepɔw Sion so na wɔn a wɔreguan no bɛkɔ,+ na ɛbɛyɛ ade kronkron,+ na Yakob fie bɛfa nea ɛyɛ wɔn dea.+