2 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: “Mommra+ mma yɛnkɔ Yehowa bepɔw so, Yakob Nyankopɔn fie,+ na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan+ na yɛanantew n’atempɔn so.”+ Na Sion na mmara befi aba, na Yerusalem na Yehowa asɛm befi.+
3 “Nea Yehowa aka ni, ‘Mɛsan aba Sion+ na matena Yerusalem;+ na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ nokware kurow,+ na wɔafrɛ asafo Yehowa bepɔw+ no bepɔw kronkron.’”+