18 Na ɔmfa mogya no bi nsosɔ afɔremuka+ a ɛwɔ Yehowa anim no mmɛn no so wɔ ahyiae ntamadan no mu. Afei onhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so+ no ase wɔ ahyiae ntamadan no ano.
11 Na ɔhonam biara kra wɔ mogya mu,+ na afɔremuka no so na mede ama mo sɛ momfa mpata+ mma mo kra, na mogya+ na wɔde pata+ ma bɔne, efisɛ emu na ɔkra no wɔ.