Leviticus 19:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na munnni mmma onipa titiriw.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn. Deuteronomium 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Monnhwɛ nnipa anim wɔ atemmu mu.+ Muntie nea osua sɛnea mutie nea ɔsõ no ara pɛ.+ Munnsuro onipa anim,+ na Onyankopɔn na obu atɛn.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duru bi sɔre a, momfa mmrɛ me na minni.’+
15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na munnni mmma onipa titiriw.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn.
17 Monnhwɛ nnipa anim wɔ atemmu mu.+ Muntie nea osua sɛnea mutie nea ɔsõ no ara pɛ.+ Munnsuro onipa anim,+ na Onyankopɔn na obu atɛn.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duru bi sɔre a, momfa mmrɛ me na minni.’+