8 na mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa a oyii Israel fie asefo fii atifi fam asase so ne nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so nyinaa so bae no te ase yi,’ na wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”+
17 “Enti ka sɛ, ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Mɛsesaw mo afi aman no mu na maboaboa mo ano afi nsase a wɔapete mo kɔ so no so, na mede Israel asase bɛma mo.+