Yesaia 25:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yehowa nsa bɛba bepɔw+ yi so, na wobetiatia Moab so+ te sɛ nwura a wotiatia so wɔ sumina+ so. Amos 9:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 na wɔbɛfa Edom+ nkae ne aman a me din da wɔn so nyinaa+ adi so,’ Yehowa a ɔreyɛ eyi no asɛm ni. Obadia 18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Yakob fie bɛyɛ ogya,+ na Yosef fie ayɛ ogyaframa, na Esau fie ayɛ sɛ sare;+ na wɔbɛhyew wɔn dwerɛbee. Na obiara remfi Esau fie nka,+ efisɛ Yehowa na waka.
18 Yakob fie bɛyɛ ogya,+ na Yosef fie ayɛ ogyaframa, na Esau fie ayɛ sɛ sare;+ na wɔbɛhyew wɔn dwerɛbee. Na obiara remfi Esau fie nka,+ efisɛ Yehowa na waka.