Deuteronomium 32:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Aweredi wɔ me, na me na metua ka.+Bere du a, wɔn nan bɛkeka abom,+Efisɛ wɔn amanehunu abɛn,+Na nea ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’+ Ɔsɛnkafo 3:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ+ ato hɔ, na ade biara wɔ ne bere ɔsoro ase: Yeremia 51:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni: “Babilon babea te sɛ awiporowbea.+ Bere adu sɛ wotiatia no so pasaa. Aka kakraa sɛ twabere adu ama no.”+ 2 Petro 2:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Afei anibere nti, wɔnam nnaadaasɛm so besisi mo.+ Na wɔn de, wɔn atemmu a ɛwɔ hɔ fi tete+ no ntwentwɛn ase, na wɔn sɛe ntɔ nko.+
35 Aweredi wɔ me, na me na metua ka.+Bere du a, wɔn nan bɛkeka abom,+Efisɛ wɔn amanehunu abɛn,+Na nea ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’+
33 Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni: “Babilon babea te sɛ awiporowbea.+ Bere adu sɛ wotiatia no so pasaa. Aka kakraa sɛ twabere adu ama no.”+
3 Afei anibere nti, wɔnam nnaadaasɛm so besisi mo.+ Na wɔn de, wɔn atemmu a ɛwɔ hɔ fi tete+ no ntwentwɛn ase, na wɔn sɛe ntɔ nko.+