Dwom 51:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Fa sommɛ yi me ho bɔne na ama me ho atew,+Hohoro me ho na menyɛ fitaa nsen sukyerɛmma.+ Yesaia 44:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Mɛpopa wo mmarato sɛ omununkum+ na mapopa wo bɔne sɛ suwusiw.+ San bra me nkyɛn na megye wo.+ Kwadwom 4:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ne Nasirifo+ ho tew sen sukyerɛmma;+ wɔyɛ fitaa sen nufusu.Wɔn honam bere+ sen mmota; wɔatwiw wɔn ho sɛ hoabo.+ Mika 7:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Ɔbɛsan ahu yɛn mmɔbɔ+ na watiatia yɛn mfomso so.+ Wobɛtow wɔn bɔne nyinaa agu po ase tɔnn.+
7 Ne Nasirifo+ ho tew sen sukyerɛmma;+ wɔyɛ fitaa sen nufusu.Wɔn honam bere+ sen mmota; wɔatwiw wɔn ho sɛ hoabo.+