20 “‘Mifi tete na mibubuu wo kɔndua+ mu asinasin; metetew wo nkyehama mu. Nanso wokae sɛ: “Merensom wo,” efisɛ wodaa+ nkoko atenten nyinaa so ne nnua kusuu+ nyinaa ase bɔɔ aguaman.+
6 Na Yehowa ka kyerɛɛ me wɔ Ɔhene Yosia+ nna no mu sɛ: “‘Woahu nea mmaratoni Israel ayɛ yi?+ Ɔkɔ bepɔw biara a ɛkorɔn so+ ne dua kusuu+ biara ase kɔbɔ aguaman wɔ hɔ.+