7 N’ahenni+ mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei+ bɛba Dawid ahengua+ so ne n’ahenni so, na ɔde atɛntrenee+ ne trenee+ bɛwowaw+ n’ahenni ma atim fi sesɛɛ akosi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ eyi.+
5 “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛma trenee duforo bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bedi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ ade na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase no so.+
14 Ɔno na wɔde tumi+ ne anuonyam+ ne ahenni+ maa no sɛ aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa nsom no.+ Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea wɔrensɛe no da.+