19 Nanso wo de, woannya ɔdamoa biara,+ na wɔatow wo akyene sɛ dubaa a wɔapo, na mmarima a wɔatotɔ wɔ nkrante ano akata wo ho baabiara, mmarima a wɔasian kɔ abo amoa mu,+ te sɛ funu a wɔatiatia so.+
5 Mɛtow wo ne Nil asuasu mu mpataa nyinaa agu sare so.+ Na wobɛkɔ akɔtɔ wuram wɔ petee mu.+ Wɔrentase wo na wɔremmoa w’ano. Na mede wo bɛma wuram mmoa ne wim nnomaa sɛ aduan.+