Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nehemia 9:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Wɔantie,+ na wɔankae+ w’anwonwade a woyɛe wɔn mu no, mmom no, wosen wɔn kɔn+ na wɔpaw obi sɛ onni wɔn anim+ nsan nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Egypt. Nanso woyɛ Nyankopɔn a wode bɔne firi,+ ɔdomfo+ ne mmɔborɔhunufo,+ wo bo kyɛ fuw+ na w’adɔe dɔɔso,+ enti woampo wɔn.+

  • Nehemia 9:29
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 29 Woka kyerɛɛ wɔn+ sɛ wɔnsan mmra wo mmara+ ho de, nanso wodii ahantansɛm+ na wɔantie w’ahyɛde; na w’atemmusɛm nso,+ wɔyɛɛ ho bɔne,+ ɛno nso na sɛ obi di so a,+ ɔnam so nya nkwa. Wobuu nnua guu wɔn asom+ na wosinsen wɔn kɔn,+ na wɔantie.+

  • Yeremia 7:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 Nanso wɔantie me, wɔanyɛ asõ amma me,+ na wosen wɔn kɔn.+ Wɔyɛɛ bɔne sen wɔn agyanom mpo!+

  • Yeremia 17:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ wosen wɔn kɔn+ sɛ wɔrentie na wɔrennye nteɛso.”’+

  • Sakaria 7:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na wɔmaa wɔn koma+ yɛɛ denneennen sɛ ɔbo, na wɔantie mmara+ ne asɛm a asafo Yehowa nam ne honhom+ so de maa tete adiyifo+ no. Enti asafo Yehowa ani beree wɔn so denneennen.”+

  • Asomafo Nnwuma 7:51
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 51 “Nnipa a moasen mo kɔn na moyɛ koma ne aso mu momonotofo,+ bere nyinaa moko tia honhom kronkron no; sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena