2 Ahene 22:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɔyɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so,+ na ɔnantew ne nana Dawid kwan nyinaa so,+ na wamman ankɔ nifa anaa benkum.+ 2 Ahene 23:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 N’anim no, ɔhene biara amma sɛ ɔno a ɔde ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa+ ne n’ahoɔden nyinaa dan baa+ Yehowa nkyɛn sɛnea Mose mmara no te pɛpɛɛpɛ, na n’akyi nso, obiara ansɔre a ɔte sɛ ɔno. 2 Beresosɛm 34:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɔyɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so,+ na ɔnantew ne nana Dawid akwan so,+ na wamman ankɔ nifa anaa benkum.+ Mmebusɛm 21:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Adetreneeyɛ ne atɛntrenee sɔ Yehowa ani sen afɔrebɔ.+ Mmebusɛm 31:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Bue w’ano, bu atɛntrenee, na di ma mmɔborɔni ne ohiani.+
2 Ɔyɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so,+ na ɔnantew ne nana Dawid kwan nyinaa so,+ na wamman ankɔ nifa anaa benkum.+
25 N’anim no, ɔhene biara amma sɛ ɔno a ɔde ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa+ ne n’ahoɔden nyinaa dan baa+ Yehowa nkyɛn sɛnea Mose mmara no te pɛpɛɛpɛ, na n’akyi nso, obiara ansɔre a ɔte sɛ ɔno.
2 Ɔyɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so,+ na ɔnantew ne nana Dawid akwan so,+ na wamman ankɔ nifa anaa benkum.+