2 Beresosɛm 36:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn+ mpɛn pii, efisɛ ohuu ne man+ ne ne tenabea+ mmɔbɔ. Dwom 81:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 O sɛ anka me man retie me ɛ,+Sɛ anka Israel bɛnantew m’akwan so ɛ!+ Yeremia 7:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Enti afei,’ Yehowa asɛm ni, ‘sɛ́ moakɔ so ayɛ eyinom nyinaa, na daa mekasa kyerɛɛ mo, na mesɔree anɔpahema+ ne mo kasae nanso moantie,+ na mefrɛɛ mo na moannye so nti,+ Yeremia 11:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mekasa kyerɛɛ mo agyanom, da a miyii wɔn fii Egypt+ asase so bae no, na ɛde besi nnɛ nso mesɔre anɔpahema kasa kyerɛ wɔn sɛ: “Muntie me nne.”+ Yeremia 13:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Saa ɔman bɔne a wɔmpɛ sɛ wotie me nsɛm yi,+ wɔnam wɔn koma atuatew+ mu akodi anyame foforo akyi sɛ wɔbɛsom wɔn akotow wɔn.+ Wɔn nso bɛyɛ sɛ abɔso a wɔde yɛ hwee a ɛnyɛ yiye yi.’ Yeremia 16:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Mo de, mo bɔne a moayɛ no kyɛn mo agyanom de,+ na obiara nantew ne koma bɔne atuatew+ mu, na ontie me.+
15 Na Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn+ mpɛn pii, efisɛ ohuu ne man+ ne ne tenabea+ mmɔbɔ.
13 Enti afei,’ Yehowa asɛm ni, ‘sɛ́ moakɔ so ayɛ eyinom nyinaa, na daa mekasa kyerɛɛ mo, na mesɔree anɔpahema+ ne mo kasae nanso moantie,+ na mefrɛɛ mo na moannye so nti,+
7 Mekasa kyerɛɛ mo agyanom, da a miyii wɔn fii Egypt+ asase so bae no, na ɛde besi nnɛ nso mesɔre anɔpahema kasa kyerɛ wɔn sɛ: “Muntie me nne.”+
10 Saa ɔman bɔne a wɔmpɛ sɛ wotie me nsɛm yi,+ wɔnam wɔn koma atuatew+ mu akodi anyame foforo akyi sɛ wɔbɛsom wɔn akotow wɔn.+ Wɔn nso bɛyɛ sɛ abɔso a wɔde yɛ hwee a ɛnyɛ yiye yi.’
12 Mo de, mo bɔne a moayɛ no kyɛn mo agyanom de,+ na obiara nantew ne koma bɔne atuatew+ mu, na ontie me.+