Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Ahene 17:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Yehowa nam n’adiyifo+ nyinaa ne adehufo+ nyinaa so bɔɔ Israel+ ne Yuda+ kɔkɔ+ sɛ: “Monnan mfi mo akwammɔne ho,+ na munni me mmara nsɛm+ ne m’ahyɛde+ so sɛnea mmara+ a mede maa mo agyanom+ na menam me nkoa adiyifo so de brɛɛ mo+ no te”;

  • Yesaia 55:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan,+ na omumɔyɛfo nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde befiri no aboro so.+

  • Yeremia 18:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 “Enti afei, mesrɛ wo, ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mabɔ me tirim sɛ mede mmusu bɛba mo so; manya mo ho adwene bi.+ Monnan mfi mo akwammɔne ho ɛ, na munsiesie mo akwan ne mo nneyɛe.”’”+

  • Yeremia 35:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 Mesomaa me nkoa adiyifo+ no nyinaa baa mo nkyɛn daa; mesɔree anɔpahema somaa wɔn sɛ, ‘Obiara nsan mfi ne kwammɔne so+ na momma mo nneyɛe nyɛ yiye,+ na munnkodi anyame foforo akyi nnsom wɔn.+ Na montena asase a mede maa mo agyanom no so daa.’+ Nanso moammrɛ mo aso ase, na moantie me.+

  • Hesekiel 18:30
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 30 “‘Enti Israel fie, mebu mo atɛn sɛnea obiara akwan te,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.+ ‘Ne saa nti monsan na monnan mfi mo akwammɔne nyinaa so,+ na mommma biribiara nnto mo hintidua nnkɔ bɔne mu.+

  • Hesekiel 33:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Sɛ mete ase yi, m’ani nnye ɔbɔnefo wu ho,+ na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan+ afi ne kwan so na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfi mo akwammɔne so.+ Adɛn koraa nti na morebewuwu yi, Israel fie?”’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.

  • Yona 3:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 Na onipa ne aboa biara mfura atweaatam, na wonsu denneennen mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan+ mfi ne kwammɔne ne n’amumɔyɛsɛm ho.

  • Sakaria 1:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 “‘Monnyɛ sɛ mo agyanom;+ wɔn na tete adiyifo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Mesrɛ mo, monsan mfi mo kwammɔne ne mo nneyɛe bɔne ho mmra.’”’+

      “‘Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso amma me,’ Yehowa asɛm ni.+

  • Malaki 3:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Efi mo agyanom bere so na moman fii m’ahyɛde ho, na moanni so.+ Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,”+ asafo Yehowa asɛm ni.

      Na mubisa sɛ: “Ɔkwan bɛn so na yɛnsan mmra?”

  • 2 Petro 3:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Yehowa nkyɛ ne bɔhyɛ ho+ sɛnea ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho abotare efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena