Mmebusɛm 5:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Onipa akwan da Yehowa anim,+ na ɔkari n’akwan nyinaa.+ Yeremia 16:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 M’aniwa hu wɔn akwan nyinaa. Enhintaw me, na wɔn bɔne nso, ɛso nkatae m’anim.+ Yeremia 23:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 “Anaa obi betumi ahintaw hintabea a merenhu no?”+ Yehowa asɛm ni. “So menhyɛɛ ɔsoro ne asase nyinaa mã?”+ Yehowa asɛm ni. Malaki 3:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “Na mɛba mo nkyɛn abebu atɛn,+ na mede ahopere bedi adanse+ atia asumanfo,+ ne awaresɛefo,+ ne wɔn a wɔka ntanhunu,+ ne wɔn a wɔbɔ apaafo apoo,+ ne wɔn a wosisi akunafo+ ne nnyanka+ na wodi ahɔho+ amim, na wonsuro me no,”+ asafo Yehowa na waka. Hebrifo 4:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.+
24 “Anaa obi betumi ahintaw hintabea a merenhu no?”+ Yehowa asɛm ni. “So menhyɛɛ ɔsoro ne asase nyinaa mã?”+ Yehowa asɛm ni.
5 “Na mɛba mo nkyɛn abebu atɛn,+ na mede ahopere bedi adanse+ atia asumanfo,+ ne awaresɛefo,+ ne wɔn a wɔka ntanhunu,+ ne wɔn a wɔbɔ apaafo apoo,+ ne wɔn a wosisi akunafo+ ne nnyanka+ na wodi ahɔho+ amim, na wonsuro me no,”+ asafo Yehowa na waka.
13 Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.+