11 Ɛnna Yehu kɔɔ ne wura nkoa no nkyɛn, na wobisaa no sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ anaa?+ Dɛn nti na ɔbɔdamfo+ yi baa wo nkyɛn?” Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara munim ɔbarima yi ne ne nsɛnkeka.”
7 “Nsrahwɛ nna no bɛba,+ akontaabu nna no bɛba,+ na Israelfo behu.+ Odiyifo no bɛyɛ ɔkwasea,+ na esiane mo bɔne ne ɔtan bebrebe nti, nea ɔka honhom mu nsɛm no bɛbɔ dam.”+