6 Hosea afe a ɛto so akron mu na Asiria hene dii Samaria so nkonim,+ na ɔde Israelfo kɔɔ nkoasom mu+ wɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala+ ne Habor wɔ asubɔnten Gosan ho+ ne Mediafo nkurow mu.+
8 na mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa a oyii Israel fie asefo fii atifi fam asase so ne nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so nyinaa so bae no te ase yi,’ na wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”+
8 Hwɛ, mede wɔn befi atifi fam+ asase so aba, na mɛboaboa wɔn ano afi asase ano nohoa.+ Wɔn mu anifuraefo ne mmubuafo ne apemfo ne wɔn a awo aka wɔn no, mɛboaboa wɔn nyinaa ano.+ Asafo kɛse na wɔbɛsan aba ha.+