2 Ahene 25:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na ɔhyew Yehowa fie+ ne ahemfie+ no ne Yerusalem afie+ nyinaa; ɔde ogya hyew+ otitiriw biara fie. 2 Beresosɛm 36:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Afei ɔhyew nokware Nyankopɔn fie+ no, na odwiriw Yerusalem afasu no gui;+ n’abantenten ne emu nneɛma a ɛsom bo+ nyinaa nso, ɔde ogya hyewee, na ɔsɛee hɔ pasaa.+ Yeremia 37:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Kaldeafo no bɛsan aba na wɔne nkurow yi abɛko afa na wɔde ogya ahyew.”+ Yeremia 52:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na ɔhyew Yehowa fie+ ne ahemfie no ne Yerusalem afie nyinaa;+ ɔde ogya hyew ofikɛse biara.+ Kwadwom 4:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Yehowa ada n’abufuw nyinaa adi awie.+ Wahwie n’abufuhyew agu.+Ɔde ogya ato Sion mu, na ahyew ne fapem nyinaa.+
19 Afei ɔhyew nokware Nyankopɔn fie+ no, na odwiriw Yerusalem afasu no gui;+ n’abantenten ne emu nneɛma a ɛsom bo+ nyinaa nso, ɔde ogya hyewee, na ɔsɛee hɔ pasaa.+
11 Yehowa ada n’abufuw nyinaa adi awie.+ Wahwie n’abufuhyew agu.+Ɔde ogya ato Sion mu, na ahyew ne fapem nyinaa.+