20 “So Efraim yɛ ɔba a ɔsom bo ma me, anaa ɔba a mepɛ n’asɛm yiye?+ Dodow a mekasa tia no no, dodow no ara na mɛkae no.+ Ɛno nti na me nsono mu twitwa me ne ho no.+ Hu ara na mehu no mmɔbɔ,”+ Yehowa asɛm ni.
7 Nanso mehu Yuda fie mmɔbɔ,+ na me Yehowa wɔn Nyankopɔn, megye wɔn,+ na ɛnyɛ agyan anaa nkrante anaa ɔko anaa apɔnkɔ anaa apɔnkɔsotefo so na mɛfa agye wɔn.”+
6 Mɛma Yuda fie ayɛ den na magye Yosef fie.+ Mehu wɔn mmɔbɔ+ ama wɔn baabi atena, na wɔbɛyɛ sɛ nnipa a mentow wɔn nkyenee da,+ efisɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.+