Hesekiel 26:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 N’apɔnkɔ manyamanya no bɛma mfutuma akata wo so.+ Na apɔnkɔsotefo ne ntwahonan ne nteaseɛnam bɛma w’afasu awosow, bere a ɔfa w’apon mu ba wo so te sɛ kurow a abubu ma akwan abɛdeda mu no. Nahum 3:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Apɔnkɔ mpire+ gyigye wɔ hɔ, na teaseɛnam nan de kirididi ba, apɔnkɔ tu mmirika denneennen, na nteaseɛnam huruhuruw.+
10 N’apɔnkɔ manyamanya no bɛma mfutuma akata wo so.+ Na apɔnkɔsotefo ne ntwahonan ne nteaseɛnam bɛma w’afasu awosow, bere a ɔfa w’apon mu ba wo so te sɛ kurow a abubu ma akwan abɛdeda mu no.
2 Apɔnkɔ mpire+ gyigye wɔ hɔ, na teaseɛnam nan de kirididi ba, apɔnkɔ tu mmirika denneennen, na nteaseɛnam huruhuruw.+