2 Nkurɔfo de wɔn bɛba wɔn asase so, na Israel fie de wɔn bɛyɛ agyapade na wɔayɛ nkoa ne mfenaa wɔ Yehowa asase so.+ Na wɔbɛfa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nnommum,+ na wɔn a wɔkaa wɔn so kɔɔ adwuma no bɛba abɛhyɛ wɔn ase.+
14 Fa wo poma hwɛ wo man,+ wo nguan a wɔyɛ w’agyapade no, wɔn a wɔn nkutoo te kwae mu, turo mfinimfini no.+ Ma wonnidi wɔ Basan ne Gilead+ te sɛ tete bere no mu.+