Yesaia 48:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “Ampa, wontee,+ na wunnim, na efi tete w’aso mmuei. Minim sɛ nkontomposɛm+ ara na wudi na wɔfrɛ wo ‘mmaratofo fi yafunu mu.’+ Yeremia 3:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 ‘Ampa ara, sɛnea ɔyere twa nkontompo fi ne hokafo+ akyi no, saa na mo Israel fie, mo ne me adi no nkontompo so,’+ Yehowa asɛm ni.” Hosea 5:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wɔatwa Yehowa nkontompo,+ na wɔawowo mma ananafo.+ Enti ɔsram biako bɛmene wɔne wɔn agyapade nyinaa.+ Hosea 6:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nanso wɔabu apam no so+ te sɛ ɔdesani, na ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.+
8 “Ampa, wontee,+ na wunnim, na efi tete w’aso mmuei. Minim sɛ nkontomposɛm+ ara na wudi na wɔfrɛ wo ‘mmaratofo fi yafunu mu.’+
20 ‘Ampa ara, sɛnea ɔyere twa nkontompo fi ne hokafo+ akyi no, saa na mo Israel fie, mo ne me adi no nkontompo so,’+ Yehowa asɛm ni.”
7 Wɔatwa Yehowa nkontompo,+ na wɔawowo mma ananafo.+ Enti ɔsram biako bɛmene wɔne wɔn agyapade nyinaa.+