Mmebusɛm 11:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Treneefo papayɛ ma ɔman ho sɛpɛw no,+ na abɔnefo yera a, anigye ba.+ Yesaia 44:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 “Ɔsoro, munni ahurusi,+ efisɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔw,+ kwae ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛw mo. Efisɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’anuonyam adi wɔ Israel.”+ Yesaia 48:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Mumfi Babilon!+ Munguan mfi Kaldeafo nkyɛn.+ Momfa anigye nto ahurusi dwom, na momma wɔnte eyi.+ Momma ennu asase ano.+ Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+ Yesaia 49:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɔsoro, monto dwom;+ asase, di ahurusi.+ Mmepɔw mfa anigye mmɔ ose,+ efisɛ Yehowa akyekye ne manfo werɛ,+ na ohu ne nkoa a wɔabrɛ mmɔbɔ.+ Adiyisɛm 18:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 “Ɔsoro,+ ma w’ani nnye, nea ato no no nti, ne mo akronkronfo+ ne asomafo+ ne adiyifo nso, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn atwe n’aso ama mo!”+ Adiyisɛm 19:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ.+ Na wabu aguaman kɛse a ɔde n’aguamammɔ sɛee asase no atɛn, na wama watua ne nkoa mogya so ka.”+
23 “Ɔsoro, munni ahurusi,+ efisɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔw,+ kwae ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛw mo. Efisɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’anuonyam adi wɔ Israel.”+
20 Mumfi Babilon!+ Munguan mfi Kaldeafo nkyɛn.+ Momfa anigye nto ahurusi dwom, na momma wɔnte eyi.+ Momma ennu asase ano.+ Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+
13 Ɔsoro, monto dwom;+ asase, di ahurusi.+ Mmepɔw mfa anigye mmɔ ose,+ efisɛ Yehowa akyekye ne manfo werɛ,+ na ohu ne nkoa a wɔabrɛ mmɔbɔ.+
20 “Ɔsoro,+ ma w’ani nnye, nea ato no no nti, ne mo akronkronfo+ ne asomafo+ ne adiyifo nso, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn atwe n’aso ama mo!”+
2 efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ.+ Na wabu aguaman kɛse a ɔde n’aguamammɔ sɛee asase no atɛn, na wama watua ne nkoa mogya so ka.”+