Yesaia 30:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Wɔka kyerɛ adehufo sɛ, ‘Munnhu ade,’ na wɔka kyerɛ adiyifo sɛ, ‘Monnka anisoadehu a ɛteɛ nnkyerɛ yɛn.+ Monka adɔkɔdɔkɔsɛm nkyerɛ yɛn, monka anisoadehu mfa nnaadaa yɛn.+ Yeremia 5:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Adiyifo no hyɛ nkɔntoro;+ asɔfo no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfo so.+ Me man nso pɛ no saa.+ Na awiei no, mobɛyɛ dɛn?”+ Yeremia 14:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntoro na adiyifo no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atoro anisoadehu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn komam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+
10 Wɔka kyerɛ adehufo sɛ, ‘Munnhu ade,’ na wɔka kyerɛ adiyifo sɛ, ‘Monnka anisoadehu a ɛteɛ nnkyerɛ yɛn.+ Monka adɔkɔdɔkɔsɛm nkyerɛ yɛn, monka anisoadehu mfa nnaadaa yɛn.+
31 Adiyifo no hyɛ nkɔntoro;+ asɔfo no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfo so.+ Me man nso pɛ no saa.+ Na awiei no, mobɛyɛ dɛn?”+
14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntoro na adiyifo no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atoro anisoadehu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn komam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+