21 Ɛnna Elia twiw baa ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkae sɛ: “Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi?+ Sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn a, munni n’akyi,+ na sɛ Baal nso a, munni n’akyi.” Na ɔman no amma no mmuae biara.
5 Na ananafo anyame no asɔfo a Yuda ahene de wɔn sisii hɔ sɛ wɔnhyew afɔrebɔde wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ wɔ Yuda nkurow mu ne mmeae a ɛbemmɛn Yerusalem no, oguu wɔn adwuma no; wɔn a na wɔhyew afɔrebɔde ma Baal+ ne owia ne ɔsram ne sodiak nsorommakuw ne ɔsoro asafo+ nyinaa nso, oguu wɔn adwuma no.
13 Sɛnea wo nkurow dodow te no, saa na w’anyame dodow te, O Yuda,+ na sɛnea Yerusalem mmorɔn dodow te no, saa na moasisi afɔremuka ama aniwude,+ afɔremuka a mohyew so afɔrebɔde ma Baal no.’+