26 Na ɔtoaa so kae sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso tie Yehowa wo Nyankopɔn na woyɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so, na wutie ne mmara di n’ahyɛde nyinaa so+ a, meremfa ɔyare a mede baa Egyptfo so no biara mma wo so,+ efisɛ me Yehowa na meresa wo yare.”+
3 Enti Israel, tie na hwɛ sɛ wobɛyɛ+ ne nyinaa na asi wo yiye+ na mo ase atrɛw wɔ asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no so, sɛnea Yehowa w’agyanom Nyankopɔn ahyɛ mo bɔ no.+
4 nsɛm a mehyɛɛ mo agyanom ɛda a miyii wɔn fii Egypt asase so,+ dade fononoo+ mu no sɛ, ‘Muntie me nne na monyɛ nea mahyɛ mo nyinaa,+ na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn,+