Dwom 50:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Bere a wo koro yi ara wotan nteɛso,+Na woatow me nsɛm agu w’akyi yi?+ Mmebusɛm 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yehowa suro ne nimdeɛ mfiase.+ Nkwasea bu nyansa ne nteɛso animtiaa.+ Sefania 3:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mekae sɛ, ‘Ɔkwan biara so wubesuro me na woagye nteɛso,’+ na wɔansɛe ne tenabea.+ Mɛma watwa ne bɔne nyinaa so aba.+ Nokwarem no, wɔmaa wɔn nneyɛe dan bɔne+ ntɛm.
7 Mekae sɛ, ‘Ɔkwan biara so wubesuro me na woagye nteɛso,’+ na wɔansɛe ne tenabea.+ Mɛma watwa ne bɔne nyinaa so aba.+ Nokwarem no, wɔmaa wɔn nneyɛe dan bɔne+ ntɛm.