Deuteronomium 28:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Wubesi ɔbea asiwa na ɔbarima foforo ato no mmonnaa.+ Wubesi fie nanso worentena mu.+ Wobɛyɛ bobeturo nanso worentew so.+ Yeremia 6:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Wɔn afie bɛyɛ afoforo dea, na wɔn nsase ne wɔn yerenom nso saa ara,+ efisɛ mɛteɛ me nsa aka asase no sofo,” Yehowa asɛm ni.+ Amos 5:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Enti esiane sɛ mugye afuw so tow fi ɔbrɛfo hɔ, na mugye awi sɛ tow fi ne hɔ nti,+ mode abo a wɔapae asisi adan+ nanso morentena mu, moayeyɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsã.+ Sefania 1:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Nkurɔfo bɛfa wɔn ahode na wɔn afie adan afituw.+ Wobesisi adan nanso wɔrentena mu;+ wɔbɛyeyɛ bobe nturo nanso wɔrennom mu nsã.+
30 Wubesi ɔbea asiwa na ɔbarima foforo ato no mmonnaa.+ Wubesi fie nanso worentena mu.+ Wobɛyɛ bobeturo nanso worentew so.+
12 Wɔn afie bɛyɛ afoforo dea, na wɔn nsase ne wɔn yerenom nso saa ara,+ efisɛ mɛteɛ me nsa aka asase no sofo,” Yehowa asɛm ni.+
11 Enti esiane sɛ mugye afuw so tow fi ɔbrɛfo hɔ, na mugye awi sɛ tow fi ne hɔ nti,+ mode abo a wɔapae asisi adan+ nanso morentena mu, moayeyɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsã.+
13 Nkurɔfo bɛfa wɔn ahode na wɔn afie adan afituw.+ Wobesisi adan nanso wɔrentena mu;+ wɔbɛyeyɛ bobe nturo nanso wɔrennom mu nsã.+