18 Sɛ odwumfo sen ohoni a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Mfaso bɛn na ɛwɔ dade honi ne atoro kyerɛkyerɛfo+ so?+ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ odwumfo de ne ho to nea wayɛ so+ na ɔyɛ anyamehunu a entumi nkasa?+
2 Hwɛ, terafim+ ahoni ka abususɛm, na nkɔmhyɛfo hu atoro anisoade+ na dae a wɔka ho asɛm no yɛ nkontompo, na wɔde nsɛnhunu kyekye nnipa werɛ.+ Eyi nti wɔde wɔn ti bedom te sɛ nguan,+ na ɔhwɛfo+ a wonni nti, wɔn ho bɛkyere wɔn.