10 Ɛnna Yosua kae sɛ: “Afei mubehu sɛ Onyankopɔn teasefo bi wɔ mo mu,+ na ɔbɛpam Kanaanfo ne Hitifo ne Hiwifo ne Perisifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Yebusifo afi mo anim.+
26 Mahyɛ mmara+ sɛ m’ahenni a midi so tumi nyinaa mu no, obiara ho mpopo na onsuro Daniel Nyankopɔn no,+ efisɛ ɔno ne Onyankopɔn teasefo a ɔwɔ hɔ daa,+ na n’ahenni+ yɛ nea ɛnsɛe da,+ na ne tumi bɛtena hɔ akosi daa.+
16 Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ?+ Na yɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asɔrefie,+ sɛnea Onyankopɔn kae no sɛ: “Mɛtena wɔn mu,+ na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.”+
9 Na wɔn ankasa ka ɔkwan a yɛfaa so baa mo nkyɛn no ho asɛm, ne sɛnea modan fii mo ahoni+ ho baa Onyankopɔn nkyɛn sɛ morebɛsom Onyankopɔn teasefo+ ne ɔnokwafo+ no;