Deuteronomium 32:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na Yehowa kyɛfa ne ne man;+Yakob yɛ n’agyapade.+ Dwom 74:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Kae w’asafo a wunyae fi tete,+Abusua a wugyee wɔn sɛ w’agyapade no,+Bepɔw Sion a wote so yi.+ Dwom 135:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Yah apaw Yakob afa,+Na ɔde Israel ayɛ n’agyapade titiriw.+