17 Nanso wɔn atemmufo no mpo, wɔantie wɔn, na mmom wɔne anyame foforo+ bɔɔ aguaman,+ na wɔkotow wɔn. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa na wɔman fii ɔkwan a wɔn agyanom faa so no so. Wɔn agyanom dii Yehowa ahyɛde so,+ nanso wɔn de, wɔanyɛ saa.
23 Na ofii ase bɔɔ afɔre maa Damasko+ anyame+ a wɔkaa no gui no, na ɔkae sɛ: “Sɛ Siria ahene anyame reboa wɔn+ a, ɛnde me nso mɛbɔ afɔre ma wɔaboa+ me.” Na wɔn na wɔbɛyɛɛ hintidua maa ɔno ne Israel+ nyinaa.